Jeremiah 48:1 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Asɛm a ɛfa Moab ho no nie: Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: “Nebo nnue, na wɔbɛsɛe no. Wɔbɛgu Kiriataim anim ase, na wɔakye no; wɔbɛgu aban denden no anim ase, na wɔadwiri agu fam.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Moab deɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Nebo nnue! ɛfiri sɛ asɛe. Kiriataim ani awu, wɔagye. Aban denden no ani awu na wɔadwiri agu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Moab deɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Nebo nnue! ɛfiri sɛ asɛe. Kiriataim ani awu, wɔagye. Aban denden no ani awu na wɔadwiri agu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nea ɛfa Moab ho: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Nebo nnue! Efisɛ asɛe. Kiriataim ani awu, wɔagye. Abannennen no ani awu na wɔadwiriw agu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nea ɛfa Moab ho: Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: “Nebo nnue, na wɔbɛsɛe no. Wobegu Kiriataim anim ase, na wɔafa; wobegu aban dennen no anim ase, na wɔadwiriw agu fam.