Jeremiah 48:2 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔrenkamfo Moab bio; Hesbon mmarima bɛbɔ nʼasehweɛ ho pɔ; ‘Mommra, momma yɛn nkɔbɔ saa ɔman yi.’ Mo nso, Madmen mmarima mobɛka mo ano atom; akofena no bɛtaa mo.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Moab din a wagyeɛ no nni hɔ bio, wɔatu ne ho agyina bɔne, wɔ Hesbon sɛ: Mommra mma yɛntwa no, na anyɛ ɔman bio. Wo nso kuro a wɔfrɛ wo Madmen, wɔbɛka w’ano atomu, ɛfiri sɛ afena di w’akyi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Moab din a wagyeɛ no nni hɔ bio, wɔatu ne ho agyina bɔne, wɔ Hesbon sɛ: Mommra mma yɛntwa no, na anyɛ ɔman bio. Wo nso kuro a wɔfrɛ wo Madmen, wɔbɛka w’ano atomu, ɛfiri sɛ afena di w’akyi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Moab ayeyi bi nni hɔ bio, wɔatu ne ho agyina bɔne, Hesbon hɔ sɛ: Mommra mma yentwa no, na anyɛ ɔman bio. Wo Madmen nso, woayɛ kranana, afoa di w’akyi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔrenkamfo Moab bio; Hesbon mmarima bɛbɔ nʼasehwe ho pɔw; ‘Mommra, momma yɛnkɔbɔ saa ɔman yi.’ Mo nso, Madmen mmarima mobɛka mo ano ato mu; afoa no bɛtaa mo.