Jeremiah 48:26 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Momma no mmoro nsã, ɛfiri sɛ wabu Awurade animtia. Momma Moab nyantam wɔ ne feɛ mu; momma no nyɛ fɛdideɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Momma no mmoro, ɛfiri sɛ wadi AWURADE so akokurokosɛm, na momma Moab ayantam ne feɛ mu, na ɔno nso nnane asereseredeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Momma no mmoro, ɛfiri sɛ wadi AWURADE so akokurokosɛm, na momma Moab ayantam ne feɛ mu, na ɔno nso nnane asereseredeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Momma ɔmmow, efisɛ wadi AWURADE so akokurokosɛm, na momma Moab nyantam ne fe mu, na ɔno nso nnan asereserede.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Momma no mmow nsa, efisɛ wabu Awurade animtiaa. Momma Moab nyantam wɔ ne fe mu; momma no nyɛ nea wodi ne ho fɛw.