Jeremiah 48:7 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Esiane sɛ mode mo ho to mo nneyɛɛ ne mo ahonya so enti, mo nso wɔbɛfa mo nnommum, na Kemos bɛkɔ nnommumfa mu, ɔne nʼasɔfoɔ ne adwumayɛfoɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛsiane sɛ wode w’ani ato wo nnwuma ne w’akoradeɛ soɔ nti, wo nso, wɔbɛfa wo, na Kemos, n’asɔfoɔ ne n’asafohene abɔ mu afiri adi akɔ tukorɔ mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛsiane sɛ wode w’ani ato wo nnwuma ne w’akoradeɛ soɔ nti, wo nso, wɔbɛfa wo, na Kemos, n’asɔfoɔ ne n’asafohene abɔ mu afiri adi akɔ tukorɔ mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na esiane sɛ wode w’ani ato wo nnwuma ne w’akorade so nti, wo nso wɔbɛfa wo so, na Kemos, ne n’asɔfo ne n’asafohene abom afi adi akɔ tukɔ mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Esiane sɛ mode mo ho to mo nneyɛe ne mo ahonya so nti, mo nso wɔbɛfa mo nnommum, na Kemos bɛkɔ nnommum mu, ɔne nʼasɔfo ne adwumayɛfo.
Recommended Reading