Jeremiah 49:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na mɛma Esau ada adagya. Mɛda ne hintabea ahodoɔ adi, sɛdeɛ ɔrentumi mfa ne ho nsuma. Ne mma, nʼabusuafoɔ ne ne mfɛfoɔ bɛwuwu, na wɔrenhunu no bio.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na me deɛ, mama Esau ada adagya, mayi n’ahuntadeɛ adi, na ɔrentumi nkata ne ho, wɔasɛe n’asefoɔ ne ne nuanom ne n’afipamfoɔ, na ɔnni hɔ bio.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na me deɛ, mama Esau ada adagya, mayi n’ahuntadeɛ adi, na ɔrentumi nkata ne ho, wɔasɛe n’asefoɔ ne ne nuanom ne n’afipamfoɔ, na ɔnni hɔ bio.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na me de, mama Esau ho ada hɔ, mayi n’ahentade adi, na ɔrentumi nkora ne ho, wɔasɛe n’asefo ne ne nuanom ne n’afipamfo, na onni hɔ bio.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na mɛma Esau ada adagyaw. Mɛda ne hintabea ahorow adi, sɛnea ɔrentumi mfa ne ho nhintaw. Ne mma, nʼabusuafo ne ne mfɛfo bewuwu, na wɔrenhu no bio.