Jeremiah 49:23 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Deɛ ɛfa Damasko ho no nie: “Hamat ne Arpad aba mu abu, ɛfiri sɛ wɔate asɛmmɔne. Wɔn akoma aboto te sɛ ɛpo a ɛrehuru soɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Damasko deɛ nie: Wɔakum Hamat ne Arpad aniwuo, ɛfiri sɛ wɔate asɛmmɔne bi; wɔn akoma atu; sɛ ɛpo a ahuru, ɛntumi nyɛ komm.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Damasko deɛ nie: Wɔakum Hamat ne Arpad aniwuo, ɛfiri sɛ wɔate asɛmmɔne bi; wɔn akoma atu; sɛ ɛpo a ahuru, ɛntumi nyɛ komm.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Damasko de: Wɔakum Hamat ne Arpad aniwu, efisɛ wɔate asɛmmɔne bi; wɔn koma atu; ɛpo mu ahuru, entumi nyɛ komm.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nea ɛfa Damasko ho: “Hamat ne Arpad di yaw, efisɛ wɔate asɛmmɔne. Wɔn koma abotow te sɛ po a ayɛ hagyahagya.