Jeremiah 5:14 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti yei ne deɛ Asafo Awurade, Onyankopɔn seɛ: “Esiane sɛ nnipa no aka saa nsɛm yi enti, mɛyɛ me nsɛm a ɛwɔ wʼanomu no ogya na saa nnipa yi ayɛ nnyina a ogya no bɛhye.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Enti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn no seɛ nie: Ɛsiane sɛ moka saa asɛm yi nti, hwɛ, merema me nsɛm ayɛ ogya w’anomu, na ɔman yi adane nnyina, na ogya ahye wɔn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Enti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn no seɛ nie: Ɛsiane sɛ moka saa asɛm yi nti, hwɛ, merema me nsɛm ayɛ ogya w’anomu, na ɔman yi adane nnyina, na ogya ahye wɔn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Enti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn no, se ni: Esiane sɛ mokaa saa asɛm yi nti, hwɛ, merema me nsɛm ayɛ ogya w’anom, na ɔman yi adan nnyina, na ahyew wɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti eyi ne nea Asafo Awurade, Nyankopɔn se: “Esiane sɛ, nnipa no aka saa nsɛm yi nti, mɛyɛ me nsɛm a ɛwɔ wʼanom no ogya na saa nnipa yi ayɛ nnyina a ogya no bɛhyew.