Jeremiah 5:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ao Awurade, wopɛ nokorɛ enti wobɔɔ wɔn hwee fam, nanso wɔante yea biara; wodwerɛɛ wɔn, nanso wɔpoo ntenesoɔ. Wɔyɛɛ wɔn anim denden kyenee ɔboɔ na wɔpoo ahunu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
O AWURADE, w’ani nsa nokorɛ anaa? Wobobɔ wɔn, nanso wɔnte yea biara; wodwɛre wɔn, nanso wɔpo atenetene. Wɔahyɛ wɔn anim den sene ɔbotan, na wɔmpɛ sɛ wɔnu wɔn ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
O AWURADE, w’ani nsa nokorɛ anaa? Wobobɔ wɔn, nanso wɔnte yea biara; wodwɛre wɔn, nanso wɔpo atenetene. Wɔahyɛ wɔn anim den sene ɔbotan, na wɔmpɛ sɛ wɔnu wɔn ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
O AWURADE, so w’aniwa nsa nokware? Wobobɔ wɔn, na ɛnte wɔn; wodwɛre wɔn, wɔpo nteɛso; wɔahyɛ wɔn ani den sen ɔbotan, wɔmpɛ sɛ wonu wɔn ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Awurade, wʼani mpɛ nokware ahu ana? Wobɔɔ wɔn hwee fam, nanso wɔante yaw biara; wodwerɛw wɔn, nanso wɔpoo nteɛso. Wɔyɛɛ wɔn anim dennen sen ɔbo na wɔansakra wɔn adwene.