Jeremiah 50:13 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Awurade abufuo enti, obiara rentena hɔ na ɛbɛda mpan korakora. Wɔn a wɔtwam wɔ Babilonia nyinaa ho bɛdwiri wɔn na wɔadi ne ho fɛ ɛsiane nʼapirakuro nyinaa enti.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
AWURADE abufuhyeɛ nti obiara rentena hɔ, na ne nyinaa bɛdane amamfo koraa; obiara a ɔtwam Babel ho no ho bɛdwiri no, na wabɔ n’amanehunu no nyinaa ho hwerɛma hwee hwee.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
AWURADE abufuhyeɛ nti obiara rentena hɔ, na ne nyinaa bɛdane amamfo koraa; obiara a ɔtwam Babel ho no ho bɛdwiri no, na wabɔ n’amanehunu no nyinaa ho hwerɛma hwee hwee.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
AWURADE abufuhyew nti obi rentena hɔ na ne nyinaa bɛdan amamfo koraa; obiara a otwam Babel ho no ho bedwiriw no, na wabɔ n’amanehunu no nyinaa ho hwirema hwee hwee.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Awurade abufuw nti, obiara rentena hɔ na ɛbɛda mpan korakora. Wɔn a wotwa mu wɔ Babilonia nyinaa ho bedwiriw wɔn na wɔadi ne ho fɛw esiane nʼapirakuru nyinaa nti.