Jeremiah 50:19 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na mede Israel bɛsane aba nʼankasa adidibea. Ɔbɛdidi wɔ Karmel ne Basan; ɔbɛmee wɔ Efraim ne Gilead nkokoɔ so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na mede Israel asane aba n’asase, na wabɛdidi Karmel ne Basan, na ne kra amee, Efraim bɛpɔ so ne Gilead.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na mede Israel asane aba n’asase so, na wabɛdidi Karmel ne Basan, na ne kra amee, Efraim bɛpɔ so ne Gilead.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na mede Israel masan maba ne yɛmmea, na wabedidi Karmel ne Basan, na ne kra amee, Efraim bepɔw so ne Gilead.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na mede Israel bɛsan aba nʼankasa didibea, na obedidi wɔ Karmel ne Basan; ɔbɛmee wɔ Efraim ne Gilead nkoko so.