Jeremiah 50:36 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Akofena bi bɛsɔre atia nʼadiyifoɔ atorofoɔ! Wɔbɛdane nkwaseafoɔ. Akofena bi bɛsɔre atia nʼakofoɔ! Ehu bɛhyɛ wɔn ma.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Afena wɔ akɔmfoɔ atorofoɔ no so, na wɔadanedane nkwasea. Afena wɔ wɔn nnɔmmarima so, na wɔn akoma atu na wɔakunkum wɔn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Afena wɔ akɔmfoɔ atorofoɔ no so, na wɔadanedane nkwasea. Afena wɔ wɔn nnɔmmarima so, na wɔn akoma atu na wɔakunkum wɔn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Afoa wɔ atoro akɔmfo no so, na wɔadannan nkwasea; afoa wɔ wɔn nnɔmmarima so, na wɔasɛe wɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afoa a etia nʼatoro adiyifo! Wɔbɛdan nkwaseafo. Afoa a etia nʼakofo! Ehu bɛhyɛ wɔn ma.