Jeremiah 50:44 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛdeɛ gyata a ɔfiri Yordan nkyɛkyerɛ mu rekɔ adidibea frɔmfrɔm no, saa ara na mɛtaa Babilonia so afiri nʼasase so wɔ ɛberɛ tiawa bi mu. Hwan ne deɛ mayi no sɛ ɔnyɛ yei? Hwan na ɔte sɛ me, na hwan na ɔbɛtumi ne me adi asie? Na odwanhwɛfoɔ bɛn na ɔbɛtumi asɔre atia me?”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Hwɛ, ɔforo sɛ gyata a ɔfiri Yordan kwaeɛ no mu reba tenabea a ɛwɔ hɔ daa no so, na mɛma wɔadwane afiri hɔ amonom, na deɛ mɛyi no no, ɔno na mede no bɛsi soɔ. Na hwan na ɔte sɛ me? Na hwan na ɔbɛhyia me? Na hwan ne odwanhwɛfoɔ a ɔbɛtumi agyina m’anim?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Hwɛ, ɔforo sɛ gyata a ɔfiri Yordan kwaeɛ no mu reba tenabea a ɛwɔ hɔ daa no so, na mɛma wɔadwane afiri hɔ amonom, na deɛ mɛyi no no, ɔno na mede no bɛsi soɔ. Na hwan na ɔte sɛ me? Na hwan na ɔbɛhyia me? Na hwan ne odwanhwɛfoɔ a ɔbɛtumi agyina m’anim?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Hwɛ, ɔforo sɛ gyata a ofi Yordan kwae no mu reba ne daa afe aduan so, na mɛma waguan afi hɔ afrɛso, na nea wɔayi no no, ɔno na mede no mesi so. Na hena na ɔte sɛ me? Na hena na obehyia me? Na hena ne oguanhwɛfo a obetumi agyina m’anim?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛnea gyata a ofi Yordan nkyɛkyerɛ mu rekɔ adidibea frɔmfrɔm no, saa ara na mɛtaa Babilonia fi nʼasase so wɔ bere tiaa bi mu. Hena ne nea mayi no sɛ ɔnyɛ eyi? Hena na ɔte sɛ me, na hena na obetumi ne me adi asi? Na oguanhwɛfo bɛn na obetumi asɔre atia me?”