Jeremiah 50:45 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti tie deɛ Awurade ahyehyɛ atia Babilonia, deɛ wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ de atia Babiloniafoɔ asase nie: Nnwankuo no mu nkumaa no mpo, wɔbɛtwe wɔn akɔ; wɔn enti ɔbɛsɛe adidibea no koraa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Enti montie AWURADE agyina a watu no Babel ho, ne ne tirimbɔ a wabɔ no Kaldeafoɔ asase ho no, ampa ara, wɔbɛtwe wɔn sɛ nnwan mu nkumaa no akɔ; ampa ara, wɔn ho bɛyɛ wɔn tenabea ahodwiri.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Enti montie AWURADE agyina a watu no Babel ho, ne ne tirimbɔ a wabɔ no Kaldeafoɔ asase ho no, ampa ara, wɔbɛtwe wɔn sɛ nnwan mu nkumaa no akɔ; ampa ara, wɔn ho bɛyɛ wɔn tenabea ahodwiri.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Enti muntie AWURADE agyina a watu Babel ho, ne n’atirimpɔw a wabɔ Kaldeafo asase ho no, ampa ara, wɔbɛtwe wɔn sɛ nguan mu nkumaa no akɔ; ampa ara, wɔn ho bɛyɛ wɔn tenabea ahodwiriw.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti tie nea Awurade ahyehyɛ atia Babilonia, nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ de atia Babiloniafo asase ni: Nguankuw no mu nkumaa no wɔbɛtwe wɔn akɔ; wɔn nti ɔbɛsɛe adidibea no koraa.