Jeremiah 50:9 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mɛkanyane amanaman akɛseɛ nkabom afiri atifi fam asase so de wɔn abɛtia Babilonia. Wɔbɛgyinagyina wɔn afa atia no, wɔbɛfiri atifi fam ako afa no. Wɔn agyan bɛyɛ sɛ nnɔmmarima a wɔakwadare akodie mu, wɔn a wɔmmfa nsapan nsane wɔn akyi.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na hwɛ, me na mɛnyane amanaman akɛseɛ asafo ama wɔafiri atifi fam asase so atu Babel so sa, na wɔatwa ne ho mpasua, ɛhɔ na wɔbɛfiri afa no; wɔn agyan te sɛ dɔmmarima a waben, ɔnsane n’akyiri kwa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na hwɛ, me na mɛnyane amanaman akɛseɛ asafo ama wɔafiri atifi fam asase so atu Babel so sa, na wɔatwa ne ho mpasua, ɛhɔ na wɔbɛfiri afa no; wɔn agyan te sɛ dɔmmarima a waben, ɔnsane n’akyiri kwa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na hwɛ, me na menyan amanaman akɛse asafo mama wɔafi benkum fam asase so atu Babel so sa, na wɔatwa ne ho mpasua, ɛhɔ na wobefi afa no, wɔn agyan yɛ sɛ dɔmmarima a waben, ɔnsan n’akyi kwa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mɛkanyan amanaman akɛse nkabom afi atifi fam asase so de wɔn abɛko atia Babilonia. Wobegyinagyina wɔn afa atia no, wobefi atifi fam ako afa no. Wɔn agyan bɛyɛ sɛ dɔmmarima a wɔakwadaw akodi mu, wɔn a wɔmmfa nsapan nsan wɔn akyi.