Jeremiah 51:17 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Onipa biara nnim nyansa, na ɔnni nimdeɛ; sikadwumfoɔ biara anim agu ase, ɛsiane nʼahoni enti. Ne nsɛsodeɛ yɛ atorɔ; wɔnni ahome biara wɔ wɔn mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nnipa nyinaa yɛ nkwaseafoɔ a wɔnni nimdeɛ, sikadwumfoɔ nyinaa ani wuwu ahoni ho, ɛfiri sɛ wɔn agudeɛ yɛ atorɔ, na ahome nni wɔn mu;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nnipa nyinaa yɛ nkwaseafoɔ a wɔnni nimdeɛ, sikadwumfoɔ nyinaa ani wuwu ahoni ho, ɛfiri sɛ wɔn agudeɛ yɛ atorɔ, na ahome nni wɔn mu;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nnipa nyinaa yɛ tibɔnkɔso a wonni nimdeɛ, sikadwumfo nyinaa ani wuwu wɔn ahoni ho, efisɛ wɔn agude yɛ atoro, na ahome bi nni wɔn mu;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Onipa biara nnim nyansa, na onni nimdeɛ; sikadwumfo biara anim gu ase, esiane nʼahoni nti. Ne nsɛsode yɛ atoro; wonni ɔhome biara wɔ wɔn mu.