Jeremiah 51:30 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Babilonia nnɔmmarima agyae ko; wɔhyehyɛ wɔn aban mu. Wɔn ahoɔden asa; wɔayɛ sɛ mmaa. Wɔatoto nʼatenaeɛ ahodoɔ no mu ogya, na wɔabubu nʼapono akyi adaban.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Babel nnɔmmarima agyae ko tete wɔn aban mu, wɔn mmaninyɛ to atwa, wɔadanedane mmaa; wɔato wɔn afie mu gya, wɔabubu akyire adaban.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Babel nnɔmmarima agyae ko tete wɔn aban mu, wɔn mmaninyɛ to atwa, wɔadanedane mmaa; wɔato wɔn afie mu gya, wɔabubu akyire adaban.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Babel nnɔmmarima agyae ko wɔtete wɔn aban mu, wɔn mmaninyɛ to atwa, wɔadannan mmea; wɔatoto wɔn afi mu gya, wɔabubu akyiri adaban.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Babilonia dɔmmarima agyae ko wɔhyehyɛ wɔn aban mu. Wɔn ahoɔden asa; wɔayɛ sɛ mmea. Wɔatoto nʼatenae ahorow no mu gya, na wɔabubu nʼapon akyi adaban.