Jeremiah 51:32 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
wɔagye atwaeɛ a ɛdeda asubɔnten no so afa, na wɔde ogya ato ɔwora no mu, na asraafoɔ no abɔ huboa.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na wɔagye asuo atwaeɛ, na wɔde ogya ahye mmɛwa tadeɛ no, na akofoɔ no ani atane.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na wɔagye asuo atwaeɛ, na wɔde ogya ahye mmɛwa tadeɛ no, na akofoɔ no ani atane.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na wɔagye asutwaree no, na wɔde ogya ahyew mmɛw tare no, na asraafo no ani atane.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
wɔagye asutwabea ahorow a ɛdeda asubɔnten no ano no afa, na wɔde ogya ato ɔwora no mu, na asraafo no abɔ huboa.”