Jeremiah 51:34 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Babiloniahene Nebukadnessar adwerɛ yɛn, ɔde yɛn ato ɔhaw mu, wayɛ yɛn sɛ ahina a hwee nni muo. Wamene yɛn sɛ ɔtweaseɛ no na ɔde yɛn nneɛma a ɛyɛ dɛ ahyɛ ne yafunu ma, na wape yɛn afiri nʼanom agu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Babelhene Nebukadnessar atete me, wayam me, ɔde me asi hɔ sɛ adeɛ a hwee nni mu. Wamene me sɛ asuo mu bɔpɔn bi, wayɛ me nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ de me ahyɛ ne yafunu ma, wapu me agu sɛ nsuo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Babelhene Nebukadnessar atete me, wayam me, ɔde me asi hɔ sɛ adeɛ a hwee nni mu. Wamene me sɛ asuo mu bɔpɔn bi, wayɛ me nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ de me ahyɛ ne yafunu ma, wapu me agu sɛ nsuo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Babel hene Nebukadnesar atetew yɛn, wayam yɛn, ɔde yɛn asi hɔ sɛ ade a hwee nni mu; wamene yɛn sɛ asu mu bɔpɔn bi, ɔde me nnɔkɔnnɔkɔwade ahyɛ ne yafunu ma, wasunsum yɛn kɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Babiloniahene Nebukadnessar adwerɛw yɛn, ɔde yɛn ato ɔhaw mu, wayɛ yɛn sɛ ahina a hwee nni mu. Wamene yɛn sɛ ɔwɔ no na ɔde yɛn nneɛma a ɛyɛ dɛ ahyɛ ne yafunu ma, na wapuw yɛn afi nʼanom agu.