Jeremiah 51:58 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Wɔbɛdwiri Babilonia afasuo a ɛtrɛ no agu fam na wɔbɛto nʼapono a ɛwoware no mu ogya; nnipa no ha wɔn ho kwa, ɔman no adwumayɛ ma ogya no dɛre mmom.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Babel afasuo a atrɛ tɛtrɛɛ no, wɔbɛdwiridwiri ama aseɛ ada hɔ petee, na kuro ano apono a ɛkorɔn no, wɔde ogya bɛhye, na aman adwuma a wɔyɛeɛ no ayɛ hunu, na ogya ahye deɛ nkurɔfoɔ dodoɔ abrɛ ho no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Babel afasuo a atrɛ tɛtrɛɛ no, wɔbɛdwiridwiri ama aseɛ ada hɔ petee, na kuro ano apono a ɛkorɔn no, wɔde ogya bɛhye, na aman adwuma a wɔyɛeɛ no ayɛ hunu, na ogya ahye deɛ nkurɔfoɔ dodoɔ abrɛ ho no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛ asafo AWURADE se ni: Babel afasu a atrɛw tɛtrɛɛ no, wobedwiridwiriw ama ase ada hɔ fann, na kurow ano apon a ɛkorɔn no, wɔde ogya bɛhyew, na aman adwuma a wɔyɛe no ayɛ hunu, na ogya ahyew nea nkurɔfo dodow abrɛ ho no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛɛ na Asafo Awurade, se: “Wobedwiriw Babilonia afasu a ɛtrɛw no agu fam na wɔbɛto nʼapon atenten no mu gya; nnipa no haw wɔn ho kwa, ɔman no adwumayɛ ma ogya no dɛw mmom.”