Jeremiah 51:59 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yei ne asɛm a Yeremia ka kyerɛɛ Neria babarima Seraia a ɔyɛ adwumayɛfoɔ panin na ɔyɛ Maseia nana no, ɛberɛ a ɔne Yudahene Sedekia kɔɔ Babilonia wɔ nʼadedie afe a ɛtɔ so ɛnan no mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Asɛm a Odiyifoɔ Yeremia de hyɛɛ Mahseia ba Neria ba Seraia ano, ɛberɛ a ɔne Yudahene Sedekia kɔɔ Babel, afe a ɛtɔ so nnan no mu; nso na Seraia di apiafohene.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Asɛm a Odiyifoɔ Yeremia de hyɛɛ Mahseia ba Neria ba Seraia ano, ɛberɛ a ɔne Yudahene Sedekia kɔɔ Babel, afe a ɛtɔ so nnan no mu; nso na Seraia di apiafohene.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Asɛm a odiyifo Yeremia de hyɛɛ Maaseia ba Neria ba Seraia, bere a ɔne Yuda hene Sedekia kɔɔ Babel, n’ahenni afe a ɛto so anan mu no; nso na Seraia di apiafohene.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Eyi ne asɛm a Yeremia ka kyerɛɛ Neria babarima Seraia a ɔyɛ adwumayɛfo panyin na ɔyɛ Maseia nena no, bere a ɔne Yudahene Sedekia kɔɔ Babilonia wɔ nʼadedi afe a ɛto so anan no mu.