Jeremiah 51:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Monnwane mfiri Babilonia! Montu mmirika mpere mo nkwa! Mommma wɔnsɛe mo ɛsiane wɔn bɔne enti. Awurade aweretɔberɛ aso; ɔde deɛ ɛfata no bɛtua wɔn ka.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Monnwane mfiri Babel mu, na mommema mo kra mfiri mu mfi, na monnnwerɛ wɔ n’amumuyɛ mu, na AWURADE aweretɔ berɛ nie, ɔretua no ne nneyɛɛ so ka.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Monnwane mfiri Babel mu, na mommema mo kra mfiri mu mfi, na monnnwerɛ wɔ n’amumuyɛ mu, na AWURADE aweretɔ berɛ nie, ɔretua no ne nneyɛɛ so ka.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Munguan mfi Babel, na munguan nnye mo kra nkwa mfi ne mu, na moanwu n’amumɔyɛ mu, efisɛ AWURADE aweretɔ bere ni, ɔretua no ne nneyɛe so ka.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Munguan mfi Babilonia! Muntu mmirika mpere mo nkwa! Mommma wɔnnsɛe mo esiane ne bɔne nti. Awurade aweretɔbere aso; ɔde nea ɛfata no betua no ka.