Jeremiah 51:60 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Yeremia atwerɛ amanehunu a ɛbɛba Babilonia so no nyinaa agu nwoma mmobɔeɛ so, deɛ watwerɛ a ɛfa Babilonia ho nyinaa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yeremia twerɛɛ mmusuo a ɛbɛba Babel soɔ no hyɛɛ nwoma baako mu, nsɛm a wɔatwerɛ no Babel ho yi nyinaa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yeremia twerɛɛ mmusuo a ɛbɛba Babel soɔ no hyɛɛ nwoma baako mu, nsɛm a wɔatwerɛ no Babel ho yi nyinaa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yeremia kyerɛw mmusu a ɛbɛba Babel so no hyɛɛ nhoma biako mu, nsɛm a wɔakyerɛw Babel ho yi nyinaa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Yeremia akyerɛw amanehunu a ɛbɛba Babilonia so no nyinaa agu nhoma mmobɔwee so, nea wakyerɛw a ɛfa Babilonia ho nyinaa.