Jeremiah 51:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Anka yɛbɛsa Babilonia yadeɛ, nanso wɔntumi nsa no yadeɛ; momma yɛnnya no hɔ na obiara nkɔ nʼankasa asase so, ɛfiri sɛ nʼatemmuo aduru ɔsorosoro. Ɛforo ɔsoro te sɛ omununkum.’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Anka yɛresa Babel yadeɛ, nanso ansa. Monnya no mma yɛnkɔ yɛn nsase so, na n’atemmuo akɔduru ɔsoro, na wɔama so de akɔduru wiem tɔnn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Anka yɛresa Babel yadeɛ, nanso ansa. Monnya no mma yɛnkɔ yɛn nsase so, na n’atemmuo akɔduru ɔsoro, na wɔama so de akɔduru wiem tɔnn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Anka yɛresa Babel yare, nanso anyɛ yie; munnyaw no mma yɛnkɔ yɛn nsaase so, na n’atemmu akodu ɔsoro, na wɔama so de akodu wim tɔnn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Anka yɛbɛsa Babilonia yare, nanso wontumi nsa no yare; momma yennyaw no hɔ na obiara nkɔ nʼankasa asase so, efisɛ nʼatemmu du sorosoro; ɛforo soro te sɛ omununkum.’