Jeremiah 52:15 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔsahene Nebusaradan a ɔtua awɛmfoɔ ano no faa wɔn a wɔdi hia no mu bi, wɔn a wɔkaa kuropɔn no mu, adwumfoɔ a wɔaka ne wɔn a wɔkɔdɔm Babiloniahene no kɔɔ nnommumfa mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔman no mu ahiafoɔ no mu bi ne nkurɔfoɔ no nkaeɛ a wɔkaa kuro no mu, ne awaefoɔ a wɔwae kɔɔ Babel hene nkyɛn no, nkurɔfoɔ yuu no mu nkaeɛ no, ankɔbeahene Nebusaradan tuu wɔn kɔe.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔman no mu ahiafoɔ no mu bi ne nkurɔfoɔ no nkaeɛ a wɔkaa kuro no mu, ne awaefoɔ a wɔwae kɔɔ Babel hene nkyɛn no, nkurɔfoɔ yuu no mu nkaeɛ no, Ankɔbeahene Nebusaradan tuu wɔn kɔe.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔman no mu ahiafo no mu bi, ne nkurɔfo no nkae a wɔkae kurow no mu no, ne awaefo a wɔwae kɔɔ Babel hene nkyɛn no, ne asafo yuu no nkae no, na ankɔbeahene Nebusaradan tuu wɔn kɔe.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔsahene Nebusaradan a na otua awɛmfo no ano no faa wɔn a wodi hia no mu bi, wɔn a wɔkaa kuropɔn no mu, adwumfo a wɔaka ne wɔn a wɔkɔdɔm Babiloniahene no kɔɔ nnommum mu.