Jeremiah 52:20 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na wɔntumi nkari kɔbere mfrafraeɛ a wɔde yɛɛ afadum mmienu no, Ɛpo no ne anantwinini dumienu a ɛwɔ nʼase ne nnyinasoɔ a wɔmoma soɔ a Ɔhene Salomo yɛɛ wɔ Awurade asɔredan mu yi mu duru.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Adum mmienu no, ɛpo baako no, kɔbere mfrafraeɛ anantwie dummienu a ɛwɔ aseɛ no, nsugyeɛ nnaka a Ɔhene Salomo yɛ maa AWURADE fie no, nnoɔma yi nyinaa kɔbere mfrafraeɛ no, wɔantumi ankari.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Adum mmienu no, ɛpo baako no, kɔbere mfrafraeɛ anantwie dummienu a ɛwɔ aseɛ no, nsugyeɛ nnaka a Ɔhene Salomo yɛ maa AWURADE fie no, nnoɔma yi nyinaa kɔbere mfrafraeɛ no, wɔantumi ankari.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Adum abien no, ɛpo biako no, kɔbere anantwi dumien a ɛwɔ ase no, nsugye nnaka a ɔhene Solomon yɛ maa AWURADE fi no, nneɛma yi nyinaa kɔbere no, wɔantumi ankari.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Kɔbere mfrafrae a wɔde yɛɛ afadum abien no, Po no ne anantwinini dumien a ɛwɔ nʼase ne nnyinaso a wɔmema so, na wontumi nkari saa nneɛma a Ɔhene Salomo yɛɛ wɔ Awurade asɔredan mu yi mu duru.