Jeremiah 52:25 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔfaa ɔpanin a ɔtua asraafoɔ no ano, ne adehyeɛ afotufoɔ baason firii nnipa a na wɔda so wɔ kuropɔn no mu no. Afei ɔfaa ɔtwerɛfoɔ a na ɔyɛ adwumayɛfoɔ panin ma wɔn a wɔfa nnipa ma wɔkɔyɛ asraafoɔ wɔ asase no so, ne nʼadwumayɛfoɔ no mu aduosia a ɔhunuu wɔn wɔ kuropɔn no mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na kuro no mu nso, ɔfaa opiani baako a wɔde no asi akofoɔ no soɔ, ne wɔn a wɔne ɔhene tu agyina no mu mmarima baason a ɔhunuu wɔn kuro no mu, ne ɔsahene a ɔpɔn asase no so nkurɔfoɔ kɔ ɔsa no twerɛfoɔ, ne asase no so nkurɔfoɔ mu mmarima aduosia a ɔhunuu wɔn kuro no mu no,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na kuro no mu nso, ɔfaa opiani baako a wɔde no asi akofoɔ no soɔ, ne wɔn a wɔne ɔhene tu agyina no mu mmarima baason a ɔhunuu wɔn kuro no mu, ne ɔsahene a ɔpɔn asase no so nkurɔfoɔ kɔ ɔsa no twerɛfoɔ, ne asase no so nkurɔfoɔ mu mmarima aduosia a ɔhunuu wɔn kuro no mu no,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na kurow no mu nso ɔfaa opiani biako a wɔde no sii akofo no so, ne wɔn a wɔne ɔhene tu agyina no mu mmarima baasɔn a wohuu wɔn kurow no mu, ne ɔsahene a ɔpɔn asase no so nkurɔfo kɔ ɔsa no kyerɛwfo ne asase no so nkurɔfo mu mmarima aduosia a wohuu wɔn kurow no mu no,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔfaa ɔpanyin a otua asraafo no ano, ne adehye afotufo baason fii nnipa a na wɔda so wɔ kuropɔn no mu no mu. Afei ɔfaa ɔkyerɛwfo a na ɔyɛ adwumayɛfo panyin ma wɔn a wɔfa nnipa ma wɔkɔyɛ asraafo wɔ asase no so, ne nʼadwumayɛfo no mu aduosia a ohuu wɔn wɔ kuropɔn no mu no.