Jeremiah 52:31 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene Yehoiakin dii mfeɛ aduasa nson wɔ nʼasutwa mu wɔ Babilonia no, Ewil-Merodak bɛdii Babiloniahene. Ɔhunuu Yehoiakyin mmɔbɔ, enti ɔyii no firii afiase saa afe no ara mu Adar bosome (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛtɔ so mmienu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yudahene Yehoiakyin tukorɔ so afe a ɛtɔ so aduasa nson mu, bosome a ɛtɔ so dummienu, da a ɛtɔ so aduonu nnum no, Babelhene Ewil-merodak, afe a ɔbɛdii mu hene no, ɔmaa Yudahene Yehoiakyin tiri so, na ɔyii no firii nneduafoɔ dan mu,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yudahene Yehoiakyin tukorɔ so afe a ɛtɔ so aduasa nson mu, bosome a ɛtɔ so dummienu, da a ɛtɔ so aduonu nnum no, Babelhene Ewil-merodak, afe a ɔbɛdii mu hene no, ɔmaa Yudahene Yehoiakyin tiri so, na ɔyii no firii nneduafoɔ dan mu,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yuda hene Yehoiakin tukɔ afe a ɛto so aduasa ason so, ɔsram a ɛto so dumien, da a ɛto so aduonu anum no, Babel hene Ewil-merodak, afe a obedii mu hene no, ɔmaa Yuda hene Yehoiakin ti so, na oyii no fii nneduafo dan mu,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yudahene Yehoiakyin nnommumfa afe a ɛto so aduasa ason mu a Ewil-Merodak bɛyɛɛ Babiloniahene no, oyii Yudahene Yehoiakyin fii afiase wɔ ɔsram a ɛto so dumien no da a ɛto so aduonu anum.