Jeremiah 52:34 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Babiloniahene no sane maa Yehoiakin sika berɛ ano berɛ ano, ma ɔde tuatua ne ho aka kɔsii ne owuda.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na deɛ wɔde ato hɔ sɛ wɔmma no daa no, a ɛfiri ɔhene nkyɛn na wɔde ma no, ɛda biara ne ne deɛ, wɔde maa no ne nkwa nna nyinaa de kɔsii ne wuda.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na deɛ wɔde ato hɔ sɛ wɔmma no daa no, a ɛfiri ɔhene nkyɛn na wɔde ma no, ɛda biara ne ne deɛ, wɔde maa no ne nkwa nna nyinaa de kɔsii ne wuda.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na nea wɔde ato hɔ sɛ wɔmma no daa no, efi ɔhene nkyɛn na wɔde ma no, da biara ne ne de, ne nkwa nna nyinaa de kosii ne wuda.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Babiloniahene no san maa Yehoiakin sika bere ano bere ano, ma ɔde tuatua ne ho aka, kosii ne wuda.