Jeremiah 52:7 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na kuropɔn no ɔfasuo fa bi abu agu fam enti, asraafoɔ no nyinaa yɛɛ adwene sɛ, wɔbɛdwane afiri kuropɔn no mu. Nanso, ɛsiane sɛ na Babiloniafoɔ atwa kuropɔn no ho ahyia enti, wɔtwɛn kɔsii anadwo, na wɔdwane faa ɛpono a ɛda afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene no nturo no mu mu. Wɔyɛɛ ntɛm faa wiramkwan de wɔn ani kyerɛɛ Yordan bɔnhwa no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna wɔtuu kuro no fasuo mu hyɛnee mu, na mmarima akofoɔ no nyinaa dwane firii kuro no mu anadwo faa ɔponkɛseɛ no mu, afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene turo ho no ntam kɔe, nso na Kaldeafoɔ atwa kuro no ho ahyia, na wɔfaa Yordan bonhwa kwan so kɔe.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna wɔtuu kuro no fasuo mu hyɛnee mu, na mmarima akofoɔ no nyinaa dwane firii kuro no mu anadwo faa ɔponkɛseɛ no mu, afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene turo ho no ntam kɔe, nso na Kaldeafoɔ atwa kuro no ho ahyia, na wɔfaa Yordan bonhwa kwan so kɔe.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna wotuu kurow no mu hyɛn mu, na mmarima akofo no nyinaa guan fii kurow no mu anadwo faa ɔponkɛse mu, afasu abien a ɛwɔ ɔhene turo ho no ntam kɔe, nso na Kaldeafo atwa kurow no ho ahyia, na wɔfaa Yordan tataw kwan so kɔe.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na wɔpaee kuropɔn no fasu mu, na asraafo no nyinaa guanee. Wɔfaa ɔhene turo mu fii kuropɔn no mu anadwo, kɔfaa ɔpon a ɛwɔ afasu abien no ntam, de wɔn ani kyerɛɛ Araba.