Jeremiah 6:10 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Hwan na mɛtumi akasa akyerɛ no na mabɔ no kɔkɔ? Hwan na ɔbɛtie me? Wɔn aso asisi enti wɔnte asɛm. Awurade asɛm yɛ akyiwadeɛ ma wɔn na wɔn ani nnye ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Hwan na menkasa menkyerɛ no, na memmɔ no kɔkɔ, na wɔate? Hwɛ, wɔn aso asisi, na wɔntumi ntie asɛm; hwɛ, AWURADE asɛm adane wɔn ahohoradeɛ, ɛnyɛ wɔn dɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Hwan na menkasa menkyerɛ no, na memmɔ no kɔkɔ, na wɔate? Hwɛ, wɔn aso asisi, na wɔntumi ntie asɛm; hwɛ, AWURADE asɛm adane wɔn ahohoradeɛ, ɛnyɛ wɔn dɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Hena na menkasa menkyerɛ no, na minni adanse, na watie? Hwɛ, wɔn aso asisiw, na wontumi ntie asɛm; hwɛ, AWURADE asɛm adan wɔn ahohorade, ɛnyɛ wɔn dɛ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Hena na metumi akasa akyerɛ no na mabɔ no kɔkɔ? Hena na obetie me? Wɔn aso asisiw enti wɔnte asɛm. Awurade asɛm yɛ akyiwade ma wɔn, na wɔn ani nnye ho.