Jeremiah 6:3 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Atamfoɔ bɛba abɛtwa ne ho ahyia te sɛ nnwanhwɛfoɔ; wɔbɛsisi wɔn ntomadan atwa ne ho ahyia na wɔn mu biara bɛhwɛ ne kyɛfa so.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Mmoahwɛfoɔ ne wɔn mmoakuo bɛba ne so; wɔbɛsisi wɔn ntomadan atwa ne ho ahyia, na wɔn mu biara adidi n’afa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Mmoahwɛfoɔ ne wɔn mmoakuo bɛba ne so; wɔbɛsisi wɔn ntomadan atwa ne ho ahyia, na wɔn mu biara adidi n’afa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Mmoahwɛfo ne wɔn mmoakuw bɛba no so; wobesisi wɔn ntamadan atwa ne ho ahyia, na wɔn mu biara adidi n’afa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nguanhwɛfo ne wɔn nguankuw bɛba abetia no; wobesisi wɔn ntamadan atwa ne ho ahyia, wɔn mu biara bɛhwɛ ne kyɛfa so.”