Jeremiah 7:12 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Na afei monkɔ Silo, beaeɛ bi a, medii ɛkan bɔɔ atenaeɛ de me Din too so, na monhwɛ deɛ meyɛɛ no ɛsiane me nkurɔfoɔ Israelfoɔ amumuyɛ enti.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na monkɔ me tenabea a ɛwɔ Silo a meyii no akane sɛ me din ntena hɔ no, na monkɔhwɛ deɛ me man Israel bɔne no nti mayɛ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na monkɔ me tenabea a ɛwɔ Silo a meyii no akane sɛ me din ntena hɔ no, na monkɔhwɛ deɛ me man Israel bɔne no nti mayɛ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na monkɔ me tenabea a ɛwɔ Silo a miyii kan sɛ me din ntena hɔ no, na monkɔhwɛ nea me man Israel bɔne no nti mayɛ no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Na afei monkɔ Silo, faako a midii kan bɔɔ atenae de me Din too so, na monhwɛ nea meyɛɛ no esiane me nkurɔfo Israelfo amumɔyɛ nti.