Jeremiah 7:31 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔasisi Tofet sorɔnsorɔmmea wɔ Ben Hinom bɔnhwa mu ɛhɔ na wɔhye wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa. Adeɛ a manhyɛ wɔn na amma mʼadwene mu nso.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na wɔasisi Tofet sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Hinom babonhwa mu no, de hye wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa ogya mu; nso menhyɛɛ wɔn saa, na ɛmmaa m’adwene mu saa da.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na wɔasisi Tofet sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Hinom ba bonhwa mu no, de hye wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa ogya mu; nso menhyɛɛ wɔn saa, na ɛmmaa m’adwene mu saa da.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na wɔasisi sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Hinom ba bon mu no, de hyew wɔn mmabanin ne wɔn mmabea ogya mu; nso menhyɛɛ wɔn sa, na ɛmaa me komam da.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔasisi Tofet sorɔnsorɔmmea wɔ Ben Hinom bon mu; ɛhɔ na wɔhyew wɔn mmabarima ne wɔn mmabea. Ade a manhyɛ wɔn na amma mʼadwene mu nso.