Jeremiah 7:32 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno enti, monhwɛ yie na nna no reba, Awurade na ɔseɛ, a wɔremfrɛ hɔ Tofet anaa Hinom Bɔnhwa bio, na mmom, wɔbɛfrɛ no Okum Bɔnhwa, ɛfiri sɛ wɔbɛsie awufoɔ wɔ Tofet kɔsi sɛ ɛhɔ bɛyɛ ma.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Enti sɛ AWURADE seɛ nie, hwɛ, nna bi reba a wɔremfrɛ no Tofet anaa Hinom ba bonhwa bio, na mmom okum bonhwa, na wɔbɛsie nnipa Tofet hɔ, amusiebea a wɔnnya nti.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Enti sɛ AWURADE seɛ nie, hwɛ, nna bi reba a wɔremfrɛ no Tofet anaa Hinom ba bonhwa bio, na mmom okum bonhwa, na wɔbɛsie nnipa Tofet hɔ, amusiebea a wɔnnya nti.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Enti sɛ AWURADE se ni, hwɛ, nna bi reba, a wɔremfrɛ no Tofet anaa Hinom ba bon bio, na mmom okum bon, na wobesie nnipa Tofet hɔ, siebea a wonnya nti.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno nti, monhwɛ yiye na nna no reba, Awurade na ose, a wɔremfrɛ hɔ Tofet anaa Hinom Bon bio, na mmom, wɔbɛfrɛ no Okum Bon, efisɛ wobesie awufo wɔ Tofet kosi sɛ hɔ bɛyɛ ma.