Jeremiah 8:16 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔte atamfoɔ no apɔnkɔ homee firi Dan; na wɔn apɔnkɔnini su ma asase no nyinaa woso. Wɔaba sɛ wɔrebɛsɛe asase no ne ɛso nneɛma nyinaa, kuropɔn no ne wɔn a wɔtete mu nyinaa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wɔte wɔn apɔnkɔ home foofoo firi Dan. Wɔn apɔnkɔnini su dede nti asase no nyinaa woso; ɛfiri sɛ wɔreba abɛdi asase ne ɛso adeɛ nyinaa, nkuro ne wɔn a wɔte mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wɔte wɔn apɔnkɔ home foofoo firi Dan. Wɔn apɔnkɔnini su dede nti asase no nyinaa woso; ɛfiri sɛ wɔreba abɛdi asase ne ɛso adeɛ nyinaa, nkuro ne wɔn a wɔte mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wɔte wɔn apɔnkɔ home foofoo fi Dan; wɔn apɔnkɔnini su nti asase no nyinaa popo; efisɛ wɔba abedi asase ne ɛso ade nyinaa, nkurow ne wɔn a wɔte mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔte atamfo no apɔnkɔ home fii Dan; na wɔn apɔnkɔnini su ma asase no nyinaa wosow. Wɔaba sɛ wɔrebɛsɛe asase no ne so nneɛma nyinaa, kuropɔn no ne wɔn a wɔtete mu nyinaa.