Jeremiah 8:19 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Tie me nkurɔfoɔ sufrɛ a ɛfiri akyirikyiri asase so: “ Awurade nni Sion anaa? Ne Ɔhene no nni hɔ bio anaa?” “Adɛn enti na wɔde wɔn nsɛsodeɛ ahyɛ me abufuo, wɔn ananafoɔ ahoni huhuo no?”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Tie, me man babaa sufrɛ nne firi akyirikyiri asase so: AWURADE nni Sion, anaasɛ ne hene no nni mu bio? Ɛdeɛn nti na wɔde wɔn ahoni ne amannɔne abosom no ahuru me boɔ?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Tie, me man babaa sufrɛ nne firi akyirikyiri asase so: AWURADE nni Sion, anaasɛ ne hene no nni mu bio? Ɛdeɛn nti na wɔde wɔn ahoni ne amannɔne abosom no ahuru me boɔ?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Hwɛ, me man babea sufrɛ nne fi akyirikyiri asase so: So AWURADE nni Sion, anaasɛ ne hene no nni mu bio? Ɛdɛn nti na wɔde wɔn ahoni ne amannɔne ahuhude no ahuru me bo?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Tie me nkurɔfo sufrɛ; a efi akyirikyiri asase so: “ Awurade nni Sion ana? Ne Hene no nni hɔ bio ana?” “Adɛn nti na wɔde wɔn nsɛsode ahyɛ me abufuw, wɔn ananafo ahoni huhuw no?”