Jeremiah 9:12 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Onipa bɛn na ɔnim nyansa ara sɛ ɔbɛte yei ase? Hwan na Awurade akyerɛkyerɛ no a ɔbɛtumi akyerɛ aseɛ? Adɛn enti na wɔasɛe asase no ama ada mpan sɛ anweatam a obiara ntumi mfa soɔ?
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Hwan ne ɔba nyansafoɔ a ɔbɛte yei aseɛ? Na hwan ne deɛ AWURADE ano akasa akyerɛ no a ɔbɛka? Ɛdeɛn nti na asase no asɛeɛ, ahye sɛ ɛserɛ, na obiara mfa soɔ?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Hwan ne ɔba nyansafoɔ a ɔbɛte yei aseɛ? Na hwan ne deɛ AWURADE ano akasa akyerɛ no a ɔbɛka? Ɛdeɛn nti na asase no asɛeɛ, ahye sɛ ɛserɛ, na obiara mfa soɔ?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Hena ne ɔba nyansafo a ɔbɛte eyi ase? Na hena na AWURADE ano akasa akyerɛ no a ɔbɛka? Ɛdɛn nti na asase no asɛe, na ahyew sɛ sare, na obi mfa so?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Onipa bɛn na onim nyansa ara sɛ ɔbɛte eyi ase? Hena na Awurade akyerɛkyerɛ no a obetumi akyerɛ ase? Adɛn nti na wɔasɛe asase no ama ada mpan sɛ nweatam a obiara ntumi mfa so?