Jeremiah 9:19 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔte agyaadwotwa nnyegyeeɛ firi Sion sɛ, ‘Wɔasɛe yɛn! Yɛn anim agu ase yie! Ɛsɛ sɛ yɛtu firi yɛn asase so ɛfiri sɛ, yɛn afie abubu.’ ”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔte esu nka firi Sion: Sɛdeɛ yɛasi asɛe afa! Yɛn ani awu pii, ɛfiri sɛ yɛagya asase no, na wɔasunsum yɛn tenabea agu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔte esu nka firi Sion: Sɛdeɛ yɛasi asɛe afa! Yɛn ani awu pii, ɛfiri sɛ yɛagya asase no, na wɔasunsum yɛn tenabea agu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔte osu nka fi Sion: Yɛasɛe dɛn ara! Yɛn ani awu pii, efisɛ yɛagyaw asase no, na wɔasunsum yɛn tenabea agu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔte agyaadwotwa nnyigyei fi Sion se, ‘Wɔasɛe yɛn! Yɛn anim agu ase yiye! Ɛsɛ sɛ yetu fi yɛn asase so efisɛ yɛn afi abubu.’ ”