Jeremiah 9:8 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔn tɛkrɛma yɛ agyan a ano wɔ borɔ; ɛka nnaadaasɛm. Obiara kasa asomdwoeɛ mu kyerɛ ne yɔnko, nanso nʼakoma mu deɛ, ɔsum no afidie.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wɔn tɛkyerɛma yɛ agyan a ɛkum nipa, nnaadaasɛm na ɛka; wɔde wɔn ano ka asomdwoeɛsɛm kyerɛ ɔyɔnko, na wɔn mu deɛ, wɔtetɛ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wɔn tɛkyerɛma yɛ agyan a ɛkum nipa, nnaadaasɛm na ɛka; wɔde wɔn ano ka asomdwoeɛsɛm kyerɛ ɔyɔnko, na wɔn mu deɛ, wɔtetɛ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wɔn tɛkrɛma yɛ agyan a ekum nipa, nnaadaasɛm na ɛka; wɔde wɔn ano ka asomdwoesɛm kyerɛ ɔyɔnko, na wɔn mu de, wɔtetɛw no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔn tɛkrɛma yɛ agyan a ano wɔ bɔre; ɛka nnaadaasɛm. Obiara kasa asomdwoe mu kyerɛ ne yɔnko, nanso ne koma mu de, osum no afiri.