Job 1:16 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a ɔgu so rekasa no, ɔbɔfoɔ foforɔ bi ba bɛkaa sɛ, “Onyankopɔn ogya firi soro abɛhye wo nnwan ne wo nnwanhwɛfoɔ no nyinaa, na me nko ara na medwaneeɛ a merebɛbɔ wo amaneɛ yi.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɔno da so rekasa no, ɔfoforɔ ba bɛkaa sɛ: Nyankopɔn gya firi soro atɔ abɛhye nnwan ne mmeranteɛ no, na asɛe wɔn, na me nko ara na mafiri mu maba sɛ merebɛka makyerɛ wo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɔno da so rekasa no, ɔfoforɔ ba bɛkaa sɛ: Nyankopɔn gya firi soro atɔ abɛhye nnwan ne mmeranteɛ no, na asɛe wɔn, na me nko ara na mafiri mu maba sɛ merebɛka makyerɛ wo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɔno da so rekasa no, ɔfoforo bae bɛkae sɛ: Onyankopɔn gya fi soro atɔ abɛhyew nguan ne mmerante no, na asɛe wɔn, na me nko ara na mafi mu maba sɛ merebɛka makyerɛ wo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a ogu so rekasa no, ɔbɔfo foforo bi ba bɛkae se, “Onyankopɔn gya fi soro abɛhyew wo nguan ne wo nguanhwɛfo no nyinaa, na me nko ara na miguanee a merebɛbɔ wo amanneɛ yi.”