Job 19:27 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Me ara mɛhunu no mede mʼani, na ɛnyɛ obi foforɔ ani, bɛhunu no. Mʼakoma ho pere no wɔ me mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɔno na me ara mɛhwɛ no mafa, na m’aniwa bɛhunu, na ɛnyɛ ɔhɔhoɔ bi. Me sawa resa wɔ me mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɔno na me ara mɛhwɛ no mafa, na m’aniwa bɛhunu, na ɛnyɛ ɔhɔhoɔ bi. Me sawa resa wɔ me mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɔno na me ara mɛhwɛ no mafa, na m’aniwa behu, na ɛnyɛ obi foforo. M’asaabo resa wɔ me mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Me ara mehu no mede mʼani, na ɛnyɛ obi foforo ani, behu no. Sɛnea me koma ho pere wɔ me mu!