Job 21:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Nanso mpɛn ahe na wɔdum amumuyɛfoɔ kanea? Mpɛn ahe na amanehunu ba wɔn so, deɛ Onyankopɔn firi nʼabufuo mu de ba no?
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Mprɛ ahe na abɔnefoɔ kanea dum, na wɔn mmusuo nso ka wɔn, na Onyankopɔn kyekyɛ awerɛhoɔ n’abufuo mu?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Mprɛ ahe na abɔnefoɔ kanea dum, na wɔn mmusuo nso ka wɔn, na Onyankopɔn kyekyɛ awerɛhoɔ n’abufuo mu?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Mpɛn ahe na abɔnefo kanea dum, na wɔn abu nso bu wɔn, na Onyankopɔn kyekyɛ awerɛhow n’abufuw mu?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Nanso mpɛn ahe na wodum amumɔyɛfo kanea? Mpɛn ahe na amanehunu ba wɔn so, nea Onyankopɔn fi nʼabufuw mu de ba no?