Job 21:4 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Me nwiinwii hyɛ onipa anaa? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ menya ntoboaseɛ?
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Me deɛ, onipa na medi abooboo mekyerɛ no anaa? Na adɛn nti na me home rente me?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Me deɛ, onipa na medi abooboo mekyerɛ no anaa? Na adɛn nti na me home rente me?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
So me de, onipa na midi abooboo mekyerɛ no? Na adɛn nti na me home rentew me?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Minwiinwii hyɛ onipa ana? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ minya ntoboase?