Job 29:25 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mebɔɔ ɛkwan maa wɔn na metenaa ase sɛ wɔn ɔhene; metenaa ase sɛ ɔhene a ɔwɔ nʼakodɔm mu; meyɛɛ sɛ obi a ɔkyekyere agyaadwotwafoɔ werɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Meyii wɔn kwan memaa wɔn, metenaa ase sɛ otitire, na metenaa hɔ sɛ ɔhene, asafo mu, sɛ deɛ ɔkyekyere abooboodifoɔ werɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Meyii wɔn kwan memaa wɔn, metenaa ase sɛ otitire, na metenaa hɔ sɛ ɔhene, asafo mu, sɛdeɛ ɔkyekyere abooboodifoɔ werɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Mepaw wɔn kwan memaa wɔn, metenaa ase sɛ otitiriw, na metenaa hɔ sɛ ɔhene asafo mu, sɛ nea ɔkyekye abooboodifo werɛ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mebɔɔ kwan maa wɔn na metenaa ase sɛ wɔn hene; metenaa ase sɛ ɔhene a ɔwɔ nʼasraafo mu; meyɛɛ sɛ obi a ɔkyekye agyaadwotwafo werɛ.