Job 34:33 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn gyina deɛ wode wʼano aka so tua wo ka, wɔ ɛberɛ a woayɛ sɛ worennu wo ho anaa? Ɛsɛ sɛ wosi gyinaeɛ, ɛnyɛ me; enti ka deɛ wonim kyerɛ me.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na worepo ne nneyɛɛ yi, ɔnhyɛ wo ananmu sɛdeɛ wopɛ anaa? Enti wo na ɛsɛ sɛ woyi, na ɛnyɛ me, na deɛ wonim no, ka ɛ!
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na worepo ne nneyɛɛ yi, ɔnhyɛ wo ananmu sɛdeɛ wopɛ anaa? Enti wo na ɛsɛ sɛ woyi, na ɛnyɛ me, na deɛ wonim no, ka ɛ!
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na worepo ne nneyɛe yi, ɔnhyɛ wo ananmu sɛnea wopɛ anaa? Enti wo na ɛsɛ sɛ wopaw, na ɛnyɛ me, na nea wunim no, ka ɛ!
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
So ɛsɛ sɛ Onyankopɔn gyina nea woka so tua wo ka, wɔ bere a woayɛ sɛ worennu wo ho ana? Ɛsɛ sɛ wusi gyinae, ɛnyɛ me; enti ka nea wunim kyerɛ me.