Joel 2:17 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Asɔfoɔ a wɔsom wɔ Awurade anim no, nsu wɔ afɔrebukyia no ne abrannaa no ntam; na wɔn nka sɛ, “ Awurade fa wo nkurɔfoɔ ho kyɛ wɔn. Mma wʼagyapadeɛ nnyɛ ahohoradeɛ anaa fɛdideɛ wɔ aman no mu. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wobisa wɔ nnipa no mu sɛ, ‘Wɔn Onyame no wɔ he?’ ”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ma asɔfoɔ, AWURADE asomfo no, nsu wɔ ntwonoo ne afɔrebukyia no ntam, nka sɛ: O AWURADE, dodo wo man ho, na mfa w’agyapadeɛ mma ahohora, na amanaman nnnidi wɔn atɛm. Adɛn nti na wɔnka no aman mu sɛ: Ɛhe na wɔn Nyankopɔn no wɔ?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ma asɔfoɔ, AWURADE asomfo no, nsu wɔ ntwonoo ne afɔrebukyia no ntam, nka sɛ: O AWURADE, dodo wo man ho, na mfa w’agyapadeɛ mma ahohora, na amanaman nnnidi wɔn atɛm. Adɛn nti na wɔnka no aman mu sɛ: Ɛhe na wɔn Nyankopɔn no wɔ?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ma asɔfo, AWURADE asomfo no nsu, ntwironoa ne afɔremuka no ntam, nka sɛ: AWURADE, kyɛe wo man so, na mfa w’agyapade mma ahohora, na amanaman nnnidi wɔn atɛm. Ɛdɛn nti na wɔnka aman mu sɛ: Ɛhe na wɔn Nyankopɔn no wɔ?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Asɔfo a wɔsom wɔ Awurade anim no, nsu wɔ afɔremuka no ne abrannaa no ntam; na wɔnka se, “ Awurade fa wo nkurɔfo ho kyɛ wɔn. Mma wʼagyapade nyɛ ahohorade anaa fɛwdi wɔ aman no mu. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wubisa wɔ nnipa no mu se, ‘Wɔn Nyame no wɔ he?’ ”