Joel 2:20 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Mɛpam atifi fam asraadɔm no afiri wo nkyɛn akɔ akyirikyiri, mɛpia wɔn akɔ asase a awoɔ na ɛyɛ bonini soɔ. Adonten dɔm no bɛmem wɔ apueeɛ ɛpo no mu, na kyidɔm no bɛmem wɔ Mfimfini Po no mu. Na afunu no bɛbɔn na nka no bɛtu.” Nokorɛm wayɛ nneɛma akɛseɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na atifi fam dɔm no, mɛyi wɔn afiri mo so akɔ akyirikyiri, na mapamo wɔn akɔ asase pradada so, na wɔn twafoɔ akɔ anim fam po no mu, na wɔn kyidɔm akɔ apueeɛ fam po no mu, na wɔn bɔn bɛsɔre, na wɔn nyaanyane bɛsɔre, ɛfiri sɛ wɔadi bɔne kɛseɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na atifi fam dɔm no, mɛyi wɔn afiri mo so akɔ akyirikyiri, na mapamo wɔn akɔ asase pradada so, na wɔn twafoɔ akɔ anim fam po no mu, na wɔn kyidɔm akɔ apueeɛ fam po no mu, na wɔn bɔn bɛsɔre, na wɔn nyaanyane bɛsɔre, ɛfiri sɛ wɔadi bɔne kɛseɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na atifi fam dɔm no, meyi wɔn afi mo so akɔ akyirikyiri, na mapam wɔn akɔ asase pradada so, na wɔn twafo akɔ apuei fam po no mu, na wɔn kyidɔm akɔ atɔe fam po no mu, na wɔn bɔn bɛsɔre, na wɔn nyane bɛsɔre, efisɛ wɔayɛ adebɔne.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Mɛpam atifi fam asraafo no afi wo nkyɛn akɔ akyirikyiri, mepia wɔn akɔ asase a awo na ɛyɛ kesee so. Nifa dɔm no bɛmem wɔ Nkyene Po no mu, na kyidɔm no bɛmem wɔ Ntam Po no mu. Na afunu no bɛbɔn na ne nka betu.” Nokware wayɛ nneɛma akɛse!