Joel 2:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Egya rehye wɔ wɔn anim, ogyaframa dɛre wɔ wɔn akyi, asase a ɛda wɔn anim no te sɛ Eden turo, deɛ ɛda wɔn akyi no te sɛ anweatam, biribiara nni hɔ a ɛpa wɔn ani so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ogya hye di wɔn anim, na ogyaframa tafere di wɔn akyi; wɔn anim asase te sɛ Eden turo, na wɔn akyiri deɛ yɛ ɛserɛ pradada, na biribiara remfiri wɔn anim nkɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ogya hye di wɔn anim, na ogyaframa tafere di wɔn akyi; wɔn anim asase te sɛ Eden turo, na wɔn akyiri deɛ yɛ ɛserɛ pradada, na biribiara remfiri wɔn anim nkɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ogya hyew di wɔn anim, na ogyaframa taforo di wɔn akyi; wɔn anim asase te sɛ Eden turo, na wɔn akyi de yɛ sare pradada; na biribi remfi wɔn anim nkɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ogya rehyew wɔ wɔn anim, ogyatannaa dɛw wɔ wɔn akyi, asase a ɛda wɔn anim no te sɛ Eden turo, nea ɛda wɔn akyi no te sɛ nweatam, hwee nguan wɔn.