John 12:47 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Obiara a ɔte mʼasɛm na ɔnni so no, meremmu no atɛn. Ɛfiri sɛ, mamma sɛ merebɛbu nnipa atɛn, na mmom, mebaeɛ sɛ merebɛgye wɔn nkwa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ obi te me nsɛm na wannye anni a, me deɛ, memmu no atɛn; na mamma sɛ merebɛbu wiase atɛn, na mebaa sɛ merebɛgye wiase.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ obi te me nsɛm na wannye anni a, me deɛ, memmu no atɛn; na mamma sɛ merebɛbu wiase atɛn, na mebaa sɛ merebɛgye wiase.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ obi te me nsɛm na wannye anni a, me de, mimmu no atɛn; na mamma sɛ merebebu wiase atɛn, na mebae sɛ merebegye wiase.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Obiara a ɔte mʼasɛm na onni so no, meremmu no atɛn. Efisɛ mamma sɛ merebebu nnipa atɛn, na mmom, mebae sɛ merebegye wɔn nkwa.