John 15:25 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛsɛ sɛ yei ba mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ wɔatwerɛ wɔ wɔn Mmara no mu a ɛka sɛ, ‘Wɔtan me kwa’ no bɛba mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛyɛɛ hɔ, na asɛm a wɔatwerɛ no wɔn mmara mu no aba mu sɛ: Wɔtane me kwa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛyɛɛ hɔ, na asɛm a wɔatwerɛ no wɔn mmara mu no aba mu sɛ: Wɔtane me kwa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɛyɛe na asɛm a wɔakyerɛw no wɔn mmara mu no aba mu sɛ: Wɔtan me kwa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛsɛ sɛ eyi ba mu, sɛnea ɛbɛyɛ a nea wɔakyerɛw wɔ wɔn Mmara no mu a ɛka se, ‘Wɔtan me kwa’ no bɛba mu.